-
1 Ahene 5:8, 9Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
8 Ɛnna Hiram soma kɔka kyerɛɛ Solomon sɛ: “Mate wo nkra no, na mɛyɛ w’apɛde ama wo na wo nsa aka sida ne ɔpopaw nnua no.+ 9 Me nkoa de befi Lebanon aba mpoano, na mɛkyekyere agu po so de akɔ baabi a wobɛkyerɛ sɛ memfa nkɔ; ɛhɔ na mɛma wɔasansan na woabɛfa. Me nso nea mepɛ sɛ woyɛ ma me ne sɛ wobɛma me fifo aduan.”+
-