-
2 Ahene 25:18-21Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
18 Bio nso, awɛmfo so panyin no faa ɔsɔfo panyin Seraia+ ne n’abadiakyiri ɔsɔfo Sefania+ ne apon ano ahwɛfo baasa no de wɔn kɔe.+ 19 Nnipa a ɔfaa wɔn fii kurow no mu kɔe no bi nso ne ahemfi panyin baako a ɔda asraafo no ano, mmarima baanum a wɔwɔ kurow no mu a wɔne ɔhene tu agyina, ɔsahene no kyerɛwfo a ɔboaboa dɔm ano wɔ asaase no so, ne ɔmanfo no mu mmarima 60 a na wɔda so wɔ kurow no mu. 20 Awɛmfo so panyin Nebusaradan+ faa wɔn de wɔn kɔmaa Babilon hene wɔ Ribla.+ 21 Na Babilon hene kunkum wɔn wɔ Ribla wɔ Hamat+ asaase so. Saa na ɛyɛe a wotuu Yudafo ase fii wɔn asaase so kɔɔ obi man so.+
-