36 Ɛno nti, me koma besu Moab te sɛ atɛntɛbɛn,+
Na me koma asu Kir-Heres mmarima te sɛ atɛntɛbɛn.
Efisɛ ahonyade a wapɛ agu hɔ no bɛsɛe.
37 Obiara ti so apa,+
Na obiara atwitwa n’abogyesɛ.
Obiara de ade atwitwa ne nsa ho,+
Na wɔde awerɛhow ntama asisi wɔn asen!’”+