2 Waforo kɔ Ofie hɔ ne Dibon,+
Ɔkɔ sorɔnsorɔmmea hɔ rekosu.
Nebo+ ne Medeba+ nti, Moab resu teɛteɛm.
Obiara abɔ tikwaw,+ obiara ayi n’abogyesɛ.+
3 Wofurafura awerɛhow ntama wɔ ne mmɔnten so.
Wɔn nyinaa resu teɛteɛm wɔ wɔn adan atifi ne wɔn mmɔnten so;
Wɔresian nyinaa, na wɔresu.+