Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yesaia 20:3, 4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 Na Yehowa kae sɛ: “Sɛnea m’akoa Yesaia de adagyaw nantew mfe abiɛsa a wanhyɛ mpaboa na ɔde yɛɛ sɛnkyerɛnne+ ne kɔkɔbɔ maa Egypt+ ne Etiopia+ no, 4 saa ara na Asiria hene de wɔn a wɔakyere wɔn afi Egypt,+ ne Etiopiafo a wɔatu wɔn afi wɔn man mu, mmerante ne nkwakoraa nyinaa bɛkɔ wɔ adagyaw mu. Wɔrenhyɛ mpaboa, na wɔn to ho begu hɔ, na Egypt bɛda adagyaw.*

  • Yeremia 25:17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 Enti migyee kuruwa no fii Yehowa nsam, na memaa aman a Yehowa somaa me wɔn nkyɛn no nyinaa nom bi.+

  • Yeremia 25:19
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 19 Wɔn a wodi hɔ ne Egypt hene Farao ne n’asomfo ne ne mpanyimfo ne ne manfo nyinaa,+

  • Yeremia 43:10, 11
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 10 Afei ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: “Hwɛ, meresoma akɔfa Babilon hene Nebukadnesar* m’akoa no aba,+ na mede n’ahengua besi abo a mede asie yi so, na ɔbɛtrɛw n’ahenni ntamadan mu wɔ so.+ 11 Na ɔbɛba abɛtow ahyɛ Egypt asaase no so.+ Nea ɔfata owuyare no, owuyare bekum no. Nea ɔfata sɛ wɔkyere no no, wɔbɛkyere no akɔ. Na nea ɔfata sekan no, sekan bekum no.+

  • Hesekiel 29:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  6 Na Egyptfo nyinaa behu sɛ mene Yehowa,

      Efisɛ wɔnyɛ poma mma Israel fi bio, na mmom wɔyɛ demmire.*+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena