Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yeremia 25:17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 Enti migyee kuruwa no fii Yehowa nsam, na memaa aman a Yehowa somaa me wɔn nkyɛn no nyinaa nom bi.+

  • Yeremia 25:22
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 22 Tiro ahemfo nyinaa ne Sidon ahemfo nyinaa+ ne supɔw a ɛwɔ ɛpo so no ahemfo;

  • Yeremia 47:4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  4 Efisɛ ɛda a ɛreba no bɛsɛe Filistifo nyinaa;+

      Ebetwitwa Tiro+ ne Sidon+ aboafo a aka nyinaa.

      Na Yehowa bɛsɛe Filistifo no,

      Wɔn a wɔaka a wofi Kaftor*+ supɔw so no.

  • Hesekiel 26:3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 Eyi nti, nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Tiro, me ne wo wɔ asɛm, na mede aman pii bɛba wo so sɛnea ɛpo bɔ n’asorɔkye ba no.

  • Hesekiel 27:2
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 2 “Onipa ba, to Tiro ho awerɛhow dwom.*+

  • Yoel 3:4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  4 Tiro ne Sidon ne Filistia nkurow nyinaa,

      Dɛn na mowɔ tia me?

      Mayɛ mo biribi na moreyɛ bi atua me ka anaa?

      Sɛ moretua me biribi so ka a,

      Ɛnde mɛyɛ ntɛm adan mo akatua no aba mo so.+

  • Amos 1:9, 10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  9 Nea Yehowa aka ni,

      ‘Tiro bɔne* a ɛto so abiɛsa+ ne nea ɛto so anan nti, nea maka no, merentwe nsan,

      Efisɛ wɔde nnipadɔm bi a wɔatu wɔn ase afi wɔn man mu kɔmaa Edom,

      Na wɔankae anuanom apam no.+

      10 Enti mede ogya bɛto Tiro fasu mu,

      Na ɛbɛhyew n’aban a ɛyɛ den no.’+

  • Sakaria 9:3, 4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  3 Tiro sii akoban* fae.

      Ɔboaboaa dwetɛ pii ano te sɛ mfuturu,

      Na ɔboaboaa sika kɔkɔɔ pii ano te sɛ abɔnten so atɛkyɛ.+

       4 Hwɛ! Yehowa begye n’ahode afi ne nsam,

      Na obekunkum n’asraafo agu po mu;*+

      Na ogya bɛhyew no.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena