Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yesaia 23:1
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 23 Tiro ho atemmusɛm ni:+

      Tarsis po so ahyɛn,+ muntwa adwo!

      Efisɛ wɔasɛe po so hyɛn gyinabea no; obiara rentumi nkɔ hɔ.

      Kitim asaase+ so na woyi kyerɛɛ wɔn.

  • Yesaia 23:4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  4 O Sidon, wo a woyɛ ɛpo abannennen, ma w’ani nwu,

      Efisɛ ɛpo aka sɛ:

      “Mentee awo mu yaw da, na menwoo da;

      Menhwɛɛ mmerante, na mentetee mmabaa.”*+

  • Yeremia 25:17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 Enti migyee kuruwa no fii Yehowa nsam, na memaa aman a Yehowa somaa me wɔn nkyɛn no nyinaa nom bi.+

  • Yeremia 25:22
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 22 Tiro ahemfo nyinaa ne Sidon ahemfo nyinaa+ ne supɔw a ɛwɔ ɛpo so no ahemfo;

  • Yeremia 27:2, 3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 2 “Nea Yehowa aka akyerɛ me ni, ‘Yeyɛ kɔndua ne nhama a wɔde suso mu, na fa gu wo kɔn ho. 3 Afei fa ma asomafo a wɔaba Yuda hene Sedekia nkyɛn wɔ Yerusalem no na wɔmfa nkɔma Edom+ hene ne Moab+ hene ne Ammonfo+ hene ne Tiro+ hene ne Sidon+ hene.

  • Hesekiel 28:21
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 21 “Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Sidon+ na hyɛ nkɔm tia no.

  • Yoel 3:4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  4 Tiro ne Sidon ne Filistia nkurow nyinaa,

      Dɛn na mowɔ tia me?

      Mayɛ mo biribi na moreyɛ bi atua me ka anaa?

      Sɛ moretua me biribi so ka a,

      Ɛnde mɛyɛ ntɛm adan mo akatua no aba mo so.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena