-
Yosua 10:8-14Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
8 Na Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Nsuro wɔn,+ na mede wɔn ahyɛ wo nsa.+ Wɔn mu biara rentumi nnyina w’anim.”+ 9 Yosua de anadwo no nyinaa nantew fii Gilgal baa wɔn so mpofirim. 10 Na Yehowa maa wɔn ani so tan wɔn wɔ Israelfo no anim,+ na wokunkum dɔm kɛse wɔ Gibeon. Wotiw wɔn faa ɔkwan a ɛforo kɔ Bet-Horon no so, na wokunkum wɔn de koduu Aseka ne Makeda. 11 Bere a wɔreguan afi Israelfo anim a woduu ɔkwan a esian fi Bet-Horon so no, Yehowa maa asukɔtweaa akɛse fii soro beguu wɔn so de koduu Aseka ma wowuwui. Nokwasɛm ne sɛ, wɔn a asukɔtweaa no kunkum wɔn no dɔɔso sen wɔn a Israelfo de sekan kunkum wɔn no.
12 Ɛda a Yehowa yɛɛ Amorifo pasaa wɔ Israelfo anim no, saa da no na Yosua ka kyerɛɛ Yehowa wɔ Israelfo anim sɛ:
13 Enti owia gyinae dinn, na ɔsram nso gyinaa faako kosii sɛ ɔman no tuaa n’atamfo ka. Wɔakyerɛw eyi ho asɛm wɔ Yasar nhoma no mu,+ ɛnte saa? Owia gyinae dinn wɔ wim, na bɛyɛ da mũ nyinaa ampere ne ho ankɔtɔ. 14 Ɛda yi so bi mmae da—n’anim oo, n’akyi oo, ebi nsii da—sɛ Yehowa betie onipa saa,+ efisɛ na Yehowa reko ama Israel.+
-
-
1 Beresosɛm 14:10-16Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
10 Dawid bisaa Onyankopɔn sɛ: “Menkɔ Filistifo no so anaa? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa?” Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ, na ɔkwan biara so mede wɔn bɛhyɛ wo nsa.”+ 11 Enti Dawid kɔɔ Baal-Perasim,+ na okokunkum wɔn wɔ hɔ. Ɛnna Dawid kae sɛ: “Nokware Nyankopɔn no nam me nsa so abu afa m’atamfo so sɛnea nsu bu fa nneɛma so no.” Ɛno nti na wɔfrɛɛ hɔ Baal-Perasim* no. 12 Filistifo no gyaw wɔn anyame hɔ kɔe, na Dawid ma wɔde ogya hyewee.+
13 Akyiri yi, Filistifo no san bɛtow hyɛɛ nnipa a wɔwɔ bon no mu*+ so bio. 14 Dawid san bisaa Onyankopɔn, nanso nokware Nyankopɔn no ka kyerɛɛ no sɛ: “Nkohyia wɔn. Kɔ na kofi wɔn akyi bra, na tow hyɛ wɔn so wɔ baka* nnua no anim.+ 15 Ɛba sɛ wote nnyigyei a ɛte sɛ nnipadɔm nantew wɔ baka nnua no so a, kɔ wɔn so, efisɛ ɛno bɛkyerɛ sɛ nokware Nyankopɔn no adi w’anim rekokunkum Filistifo asraafo no.”+ 16 Enti Dawid yɛɛ nea nokware Nyankopɔn no kae no pɛpɛɛpɛ,+ na wokunkum Filistifo asraafo fi Gibeon kosii Geser.+
-