Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Dwom 45:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  6 Onyankopɔn ne w’ahengua daa daa,+

      Na w’ahenni poma yɛ atɛntrenee* ahempoma.+

  • Dwom 72:1
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 72 O Onyankopɔn, fa w’atemmusɛm ma ɔhene,

      Na fa wo trenee ma ɔhene ba.+

  • Yesaia 9:7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  7 N’ahenni* mu bɛtrɛw

      Na asomdwoe a enni awiei bɛba+

      Dawid ahengua+ so ne n’ahenni so,

      Na ɔde atɛntrenee+ ne trenee+

      Bɛtaa n’ahenni akyi ama atim+

      Afi nnɛ akosi daa.

      Asafo Yehowa ahokeka nti na ɔbɛyɛ eyi.

  • Yesaia 11:4, 5
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  4 Obebu atɛn turodoo* ama ahiafo,

      Na ɔde trenee ayi ntɛn ama asaase so ahobrɛasefo.

      Ɔde n’anom abaa bɛbɔ asaase no,+

      Na ɔde n’anom ahome* akum abɔnefo.+

       5 Trenee bɛyɛ abɔso abɔ ne sisi,

      Na nokwaredi ayɛ abɔso wɔ n’asen.+

  • Yeremia 23:5
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 5 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm ni, “na mɛma trenee dua bi afefɛw* ama Dawid.+ Na ɔhene bi bedi hene+ na ɔde nhumu bɛyɛ ade; obebu atɛntrenee na wayɛ adetrenee wɔ asaase no so.+

  • Sakaria 9:9
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  9 O Sion babea, ma w’ani nnye paa.

      O Yerusalem babea, teɛm bɔ ose.

      Hwɛ! Wo hene reba wo nkyɛn.+

      Ɔyɛ ɔtreneeni, na ɔde nkwagye reba,*

      Ɔbrɛ ne ho ase,+ na ɔte afurum so,

      Ɔte afurum ba* so, afurumbere ba.+

  • Hebrifo 1:9
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 9 Wodɔɔ adetrenee, na wukyii mmarato. Ɛno nti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahurusi ngo sraa wo+ sen wo mfɛfo no.”+

  • Adiyisɛm 19:11
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 11 Mihui sɛ ɔsoro abue, na hwɛ! ɔpɔnkɔ fitaa+ bi ni. Na nea ɔte no so no, wɔfrɛ no Ɔnokwafo+ a Onni Huammɔ;+ obu atɛn, na ɔko wɔ trenee mu.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena