3 Na Yehowa suro bɛyɛ no anigye.+
Ɛnyɛ nea n’ani hu na obegyina so abu atɛn,
Na ɛnyɛ nea n’aso te kɛkɛ na obegyina so anya obi kasakyerɛ.+
4 Obebu atɛn turodoo ama ahiafo,
Na ɔde trenee ayi ntɛn ama asaase so ahobrɛasefo.
Ɔde n’anom abaa bɛbɔ asaase no,+
Na ɔde n’anom ahome akum abɔnefo.+