9 Wɔn a wɔbɛtena kurow yi mu no, sekan ne ɔkɔm ne owuyare na ebekunkum wɔn. Na obiara a obepue de ne ho akɔma Kaldeafo a wɔaka mo ahyɛ mo kurow no mu no renwu, na obenya ne nkwa* sɛ asade.”’*+
11 Na ɔbɛba abɛtow ahyɛ Egypt asaase no so.+ Nea ɔfata owuyare no, owuyare bekum no. Nea ɔfata sɛ wɔkyere no no, wɔbɛkyere no akɔ. Na nea ɔfata sekan no, sekan bekum no.+