-
1 Ahene 9:8, 9Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
8 Na ofi yi bɛdan amamfo,+ na obiara a obetwam no behu ama ne ho adwiriw no, na wabɔ hwirema aka sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa yɛɛ asaase yi ne ofi yi sɛɛ?’+ 9 Na wɔbɛka sɛ, ‘Wɔagyaw Yehowa, wɔn Nyankopɔn a oyii wɔn agyanom fii Egypt asaase so no ntia; wɔagyaw no hɔ akodi anyame foforo akyi, na wɔakotow asɔre wɔn. Ɛno nti na Yehowa de amanehunu yi nyinaa aba wɔn so no.’”+
-