44 Nanso eyi nyinaa akyi no, sɛ wɔwɔ wɔn atamfo asaase so mpo a, merempo wɔn korakora na merentow wɔn nkyene koraa+ mma wɔn ase nhyew. Merenyɛ saa na mammu apam a me ne wɔn ayɛ no so,+ efisɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn.
13 Ɛda no, wɔbɛbɔ abɛn kɛse bi,+ na wɔn a wɔayera wɔ Asiria asaase so+ ne wɔn a wɔabɔ wɔn apansam Egypt asaase so+ no bɛba abɛkotow Yehowa wɔ bepɔw kronkron no so wɔ Yerusalem.+
14 Na Yudafo a aka a wɔakɔtena Egypt asaase so no, wɔrentumi nguan, na wɔrennya wɔn ti nnidi mu nsan nkɔ Yuda asaase so. Wɔn kɔn bɛdɔ* sɛ wɔbɛsan akɔ hɔ na wɔakɔtena hɔ, nanso wɔrensan nkɔ hɔ, gye nnipa kakraa bi a wobenya wɔn ti adidi mu no.’”