12 Na mede ogya bɛto Egypt anyame no afi mu,+ na ɔbɛhyew wɔn, na ɔbɛkyere wɔn akɔ. Obefura Egypt asaase te sɛ nea oguanhwɛfo fura ne ntama no, na obefi hɔ akɔ asomdwoe mu. 13 Na obebubu adum a ɛwɔ Bet-Semes wɔ Egypt asaase so no pasaa, na ɔde ogya bɛhyew Egypt anyame no afi.”’”