-
2 Ahene 24:17-20Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
17 Babilon hene yɛɛ Yehoiakin+ papa nua Matania hene sii n’ananmu, na ɔsesaa ne din frɛɛ no Sedekia.+
18 Sedekia bedii hene no, na wadi mfe 21, na odii ade mfe 11 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Hamutal,+ na na ɔyɛ Yeremia a ofi Libna no babea. 19 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛnea Yehoiakim yɛe no ara.+ 20 Yehowa abufuw nti na eyinom sisii wɔ Yerusalem ne Yuda kosii sɛ ɔtow wɔn fii n’anim kyenee.+ Na Sedekia tew Babilon hene so atua.+
-