Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yeremia 25:9
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 9 meresoma ama wɔakɔfa atifi fam mmusua nyinaa aba,”+ Yehowa asɛm ni, “na mɛma Babilon hene Nebukadnesar,* m’akoa no nso aba.+ Mɛma wɔaba asaase yi+ ne emu nnipa ne aman a atwa ho ahyia no nyinaa so.+ Mɛsɛe wɔn na mama wɔadan biribi a ɛyɛ hu ne biribi a nkurɔfo bɛtɛɛ wɔn anom ahwɛ,* na ɛbɛyɛ amamfo afebɔɔ.

  • Yeremia 28:14
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 14 Na nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: “Mede dade kɔndua bɛto aman yi nyinaa kɔn ho ama wɔasom Babilon hene Nebukadnesar, na wɔbɛsom no.+ Wuram mmoa mpo, mede wɔn bɛma no.”’”+

  • Yeremia 43:10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 10 Afei ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: “Hwɛ, meresoma akɔfa Babilon hene Nebukadnesar* m’akoa no aba,+ na mede n’ahengua besi abo a mede asie yi so, na ɔbɛtrɛw n’ahenni ntamadan mu wɔ so.+

  • Daniel 2:37, 38
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 37 O ɔhene, woyɛ ahemfo mu hene, na wo na ɔsoro Nyankopɔn no de ahenni+ ne tumi ne ahoɔden ne anuonyam ama wo, 38 na baabiara a nnipa mma ne wuram mmoa ne wim nnomaa te no, ɔde wɔn ahyɛ wo nsa, na ɔde wo asi wɔn nyinaa so.+ Wone eti a ɛyɛ sika kɔkɔɔ no.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena