12 Yuda hene Yehoiakin fii adi kɔɔ Babilon hene nkyɛn,+ ɔne ne maame, n’asomfo, n’adehye, ne n’ahemfi mpanyimfo,+ na Babilon hene ahenni afe a ɛto so awotwe mu no, Babilon hene no kyeree no de no kɔe.+
14 Ɔsoaa Yerusalemfo nyinaa, mpanyimfo+ no nyinaa, akatakyi no nyinaa, adwumfo, ne atomfo*+ no nyinaa kɔe; nnipa 10,000. Wɔannyaw obiara, gye asaase no so ahiafo paa no.+
24Ɛnna Yehowa de nkɛntɛn abien a borɔdɔma wom a ɛwɔ Yehowa asɔrefi no anim kyerɛɛ me. Saa bere no, na Babilon hene Nebukadnesar* asoa Yehoiakim ba+ Yekonia,*+ Yuda hene no ne Yuda mpanyimfo ne adwumfo ne atomfo* nyinaa kɔ. Ɔde wɔn fii Yerusalem kɔɔ Babilon.+