22 Nea wo wura Yehowa, wo Nyankopɔn a ɔko ma ne nkurɔfo aka ni:
“Hwɛ! Megye kuruwa a ɛma nnipa kɔ afã-afã no afi wo nsam,+
Kuruwa no, m’abufuhyew kuruwa no;
Worennom ano bio da.+
23 Mede bɛhyɛ wɔn a wɔhaw wo no nsam,+
Wɔn a wɔka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Butuw hɔ na yɛmfa wo so’ no!
Enti wode w’akyi yɛɛ sɛ fam,
Te sɛ kurom kwan ma wɔnantew so.”