53 Ɛba saa a, esiane sɛ worennya wo ho atwaye na wo tamfo no bɛma wo ho akyere wo nti, w’ankasa mma* mmarima ne wo mma mmea a Yehowa wo Nyankopɔn de wɔn ama wo no, wɔn na wobɛwe wɔn.+
9 Na mɛma wɔawe wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmea nam, na obiara bɛwe ne yɔnko nam, efisɛ wɔbɛka wɔn ahyɛ kurow no mu, na wɔn atamfo ne wɔn a wɔpɛ sɛ wokunkum wɔn* no bɛhyɛ wɔn so ama wɔn ho ayeraw wɔn.”’+
10 “‘“Enti agyanom a wɔwɔ wo mu bɛwe wɔn mma,+ na mma awe wɔn agyanom, na mebu wo atɛn, na wɔn a wɔbɛka wɔ wo mu nso, mɛbɔ wɔn nyinaa ahwete baabiara.”’*+