Yeremia 49:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Munguan, monsan mo akyi! O Dedanfo, monkɔ na monkɔtena obon mu!+ Efisɛ sɛ bere so sɛ mede m’ani si Esau so a,Mede amanehunu bɛba no so. Kwadwom 4:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 O Sion babea, wo bɔne ho asotwe aba awiei. Ɔrentu w’ase nkɔ obi man so bio.+ Na wo Edom babea de, ɔde n’ani besi wo bɔne so. Ɔbɛma wo bɔne ada adi.+ Hesekiel 25:8, 9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Moab+ ne Seir+ kae sɛ, “Hwɛ! Yuda fi te sɛ aman a aka no nyinaa.” 9 Ɛno nti mɛma nkurow a ɛwɔ Moab nkyɛnmu no ho ada hɔ, nkurow a ɛyɛ fɛ te sɛ Bet-Yesimot, Baal-Meon, de kosi Kiriataim.+ Obadia 1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 1 Obadia* anisoadehu: Nea Awurade Tumfo Yehowa aka afa Edom ho ni:+ “Yɛate amanneɛbɔ bi afi Yehowa hɔ;Wasoma obi kɔ amanaman no mu sɛ: ‘Monsɔre, momma yɛmmoaboa yɛn ho ne no nkɔko.’”+
8 Munguan, monsan mo akyi! O Dedanfo, monkɔ na monkɔtena obon mu!+ Efisɛ sɛ bere so sɛ mede m’ani si Esau so a,Mede amanehunu bɛba no so.
22 O Sion babea, wo bɔne ho asotwe aba awiei. Ɔrentu w’ase nkɔ obi man so bio.+ Na wo Edom babea de, ɔde n’ani besi wo bɔne so. Ɔbɛma wo bɔne ada adi.+
8 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Moab+ ne Seir+ kae sɛ, “Hwɛ! Yuda fi te sɛ aman a aka no nyinaa.” 9 Ɛno nti mɛma nkurow a ɛwɔ Moab nkyɛnmu no ho ada hɔ, nkurow a ɛyɛ fɛ te sɛ Bet-Yesimot, Baal-Meon, de kosi Kiriataim.+
1 Obadia* anisoadehu: Nea Awurade Tumfo Yehowa aka afa Edom ho ni:+ “Yɛate amanneɛbɔ bi afi Yehowa hɔ;Wasoma obi kɔ amanaman no mu sɛ: ‘Monsɔre, momma yɛmmoaboa yɛn ho ne no nkɔko.’”+