Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yeremia 23:5, 6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 5 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm ni, “na mɛma trenee dua bi afefɛw* ama Dawid.+ Na ɔhene bi bedi hene+ na ɔde nhumu bɛyɛ ade; obebu atɛntrenee na wayɛ adetrenee wɔ asaase no so.+ 6 Ne nna mu no,* wobegye Yuda,+ na Israel bɛtena hɔ dwoodwoo.+ Na edin a wɔde bɛfrɛ no ne: Yehowa Ne Yɛn Trenee.”+

  • Hesekiel 28:25, 26
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 25 “‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Sɛ mesan boaboa Israel fi ano fi aman a wɔahwete wɔn kɔ so no mu+ a, me din ho bɛtew wɔ amanaman no anim.+ Na wɔbɛtena wɔn asaase so;+ asaase a mede maa m’akoa Yakob no.+ 26 Wɔbɛtena so dwoodwoo+ na wɔasisi adan ayeyɛ bobe mfuw.+ Sɛ mibu wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia a wodi wɔn ho fɛw no atɛn+ a, wɔbɛtena ase dwoodwoo; na wobehu sɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn.”’”

  • Hesekiel 34:25
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 25 “‘“Na me ne wɔn bɛyɛ asomdwoe apam,+ na mɛpam wuram mmoa bɔne afi asaase no so,+ na wɔbɛtena sare so dwoodwoo na wɔadeda kwae mu.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena