-
Numeri 28:11-15Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
11 “‘Bosome biara da a edi kan no, momfa anantwinini nkumaa abien ne odwennini baako ne adwennini nkumaa ason a wɔte apɔw a wɔn mu biara adi afe mmɔ ɔhyew afɔre mma Yehowa,+ 12 na momfa esiam muhumuhu nkyem du mu abiɛsa a wɔde ngo afra nka nantwinini biara ho mmɔ aduan afɔre,+ na momfa esiam muhumuhu nkyem du mu abien a wɔde ngo afra nka odwennini no ho mmɔ aduan afɔre.+ 13 Na momfa esiam muhumuhu nkyem du mu baako a wɔde ngo afra mmɔ aduan afɔre nka odwennini kumaa biara ho, na wɔmfa mmɔ ɔhyew afɔre, afɔre huamhuam,*+ afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa. 14 Momfa nsã* hin fã nka nantwinini biara ho mmɔ nsã afɔre,+ momfa nsã hin nkyem abiɛsa mu baako nka odwennini no ho,+ na momfa nsã hin nkyem anan mu baako nka odwennini kumaa biara ho mmɔ afɔre.+ Eyi ne ɔhyew afɔre a mobɛbɔ bosome biara, afe no nyinaa. 15 Afei nso, momfa apɔnkye ba baako mmɔ bɔne ho afɔre mma Yehowa nka ɔhyew afɔre a mobɔ no daa ne ɛho nsã afɔre no ho.
-