-
Yeremia 28:1-4Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
28 Saa afe no ara mu, Yuda hene Sedekia+ ahenni no mfiase, afe a ɛto so anan, bosome a ɛto so anum no, Asor ba odiyifo Hanania a ofi Gibeon+ no ka kyerɛɛ me wɔ asɔfo no ne ɔman no nyinaa anim wɔ Yehowa fi hɔ sɛ: 2 “Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Mebubu Babilon hene kɔndua no mu.+ 3 Akyɛ ara ne mfe* abien, mɛsan de Yehowa fi nneɛma a Babilon hene Nebukadnesar de fi ha kɔɔ Babilon no nyinaa aba ha bio.’”+ 4 “‘Na mɛsan de Yehoiakim+ ba Yekonia+ a ɔyɛ Yuda hene ne Yudafo a wotuu wɔn ase kɔɔ Babilon no nyinaa aba ha bio,’+ Yehowa asɛm ni, ‘efisɛ mebubu Babilon hene kɔndua no mu.’”
-