-
2 Ahene 23:31-34Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
31 Yehoahas+ bedii hene no, na wadi mfe 23, na odii ade abosome abiɛsa wɔ Yerusalem. Ne maame din de Hamutal,+ na na ɔyɛ Yeremia a ofi Libna no babea. 32 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛnea ne nananom yɛe no ara.+ 33 Farao Neko+ de no too afiase wɔ Ribla,+ Hamat asaase so, na wamma wanni hene bio wɔ Yerusalem, na ɔmaa asaase no sofo tuaa dwetɛ dwetikɛse* 100 ne sika kɔkɔɔ dwetikɛse baako.+ 34 Afei nso, Farao Neko de Yosia ba Eliakim sii hene ma odii ne papa Yosia ade, na ɔsesaa ne din frɛɛ no Yehoiakim. Yehoahas de, ɔde no kɔɔ Egypt,+ na ɛhɔ na okowui.+
-