-
Yeremia 43:11-13Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
11 Na ɔbɛba abɛtow ahyɛ Egypt asaase no so.+ Nea ɔfata owuyare no, owuyare bekum no. Nea ɔfata sɛ wɔkyere no no, wɔbɛkyere no akɔ. Na nea ɔfata sekan no, sekan bekum no.+ 12 Na mede ogya bɛto Egypt anyame no afi* mu,+ na ɔbɛhyew wɔn, na ɔbɛkyere wɔn akɔ. Obefura Egypt asaase te sɛ nea oguanhwɛfo fura ne ntama no, na obefi hɔ akɔ asomdwoe mu.* 13 Na obebubu adum* a ɛwɔ Bet-Semes* wɔ Egypt asaase so no pasaa, na ɔde ogya bɛhyew Egypt anyame no afi.”’”*
-