-
Yeremia 46:25, 26Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
25 “Asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka sɛ: ‘Afei mede m’ani rebesi Amon+ a ofi Noh*+ no so, ne Farao so, ne Egypt so, ne n’anyame so,+ ne n’ahemfo so, yiw, mede m’ani besi Farao ne wɔn a wɔde wɔn ho to no so nyinaa so.’+
26 “‘Na mede wɔn bɛhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wokunkum wɔn* no nsa, Babilon hene Nebukadnesar*+ ne ne nkoa nsa. Nanso ɛno akyi no, nnipa bɛsan atena mu bio te sɛ kan no,’ Yehowa asɛm ni.+
-