Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Genesis 25:30
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 30 enti Esau ka kyerɛɛ Yakob sɛ: “Mesrɛ wo, yɛ ntɛm ma me forɔe kɔkɔɔ* yi bi nni na mabrɛ!”* Ɛno nti na wɔtoo no din Edom*+ no.

  • Yesaia 34:5
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  5 “Me sekan ano bɛfɔw wɔ ɔsoro.+

      Ebesian aba Edom so abebu no atɛn,+

      Ɛbɛba nnipa a mabu wɔn atɛn sɛ mɛsɛe wɔn no so.

  • Hesekiel 25:12, 13
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Edom tuaa Yuda fi so ka, na wɔnam so yɛɛ bɔne kɛse tiaa wɔn;+ 13 ɛno nti, nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Me nso mɛteɛ me nsa wɔ Edom so, na metwa nnipa ne nyɛmmoa afi asaase no so, na mama ada mpan.+ Efi Teman kosi Dedan nyinaa, wobewuwu sekan ano.+

  • Amos 1:11
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 11 Nea Yehowa aka ni,

      ‘Edom bɔne* a ɛto so abiɛsa+ ne nea ɛto so anan nti, nea maka no, merentwe nsan,

      Efisɛ ɔde sekan dii ɔno ara ne nua akyi,+

      Na wanhu no mmɔbɔ.

      Ɔde abufuw tetew wɔn mu daa,

      Na ne bo fuw wɔn denneennen bere nyinaa.+

  • Obadia 1
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 1 Obadia* anisoadehu:

      Nea Awurade Tumfo Yehowa aka afa Edom ho ni:+

      “Yɛate amanneɛbɔ bi afi Yehowa hɔ;

      Wasoma obi kɔ amanaman no mu sɛ:

      ‘Monsɔre, momma yɛmmoaboa yɛn ho ne no nkɔko.’”+

  • Malaki 1:4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 4 “Edom reka sɛ, ‘Wɔabubu yɛn, nanso yɛbɛsan akɔ akɔkyekye nea asɛe no.’ Enti nea asafo Yehowa aka ni: ‘Wɔbɛkyekye, nanso medwiriw agu. Na nkurɔfo bɛfrɛ wɔn “amumɔyɛ asaase” ne “ɔman a Yehowa abu wɔn fɔ afebɔɔ.”+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena