12 “Enti afei,” Yehowa asɛm ni, “mumfi mo koma nyinaa mu nsan mmra me nkyɛn;+
Momfa akɔnkyen+ ne osu ne agyaadwo mmra.
13 Munsuan mo koma mu,+ na ɛnyɛ mo ntaade.+
Monsan mmra Yehowa mo Nyankopɔn nkyɛn,
Efisɛ ɔwɔ ayamhyehye ne mmɔborɔhunu, ne bo mfuw ntɛm,+ ne dɔ a enni huammɔ nni ano,+
Na ɔsɛe a ɔde reba no, obegyae ma aka.