-
2 Beresosɛm 36:16, 17Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
16 Nanso wɔkɔɔ so goruu nokware Nyankopɔn nkoa no ho+ buu ne nsɛm animtiaa,+ na wodii n’adiyifo no ho fɛw+ kosii sɛ Yehowa abufuw baa ne man so,+ kosii sɛ wɔannya ayaresa bio.
17 Enti ɔmaa Kaldeafo hene+ de sekan baa wɔn so bekunkum wɔn mmerante+ wɔ wɔn tenabea kronkron hɔ,+ na aberante oo, ɔbaabun oo, ɔpanyin oo, nea wagow oo, wanhu obiara mmɔbɔ.+ Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ ne nsa.+
-
-
Yeremia 23:20Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
20 Yehowa abufuw rensan,
Gye sɛ wayɛ nea wasusuw wɔ ne komam no awie.
Awiei nna no mu na mobɛte eyi ase yiye.
-
-
Kwadwom 4:11Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
Ɔde ogya ato Sion mu, na ahyew ne fapem nyinaa.+
-