Hiob 21:14, 15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Nanso wɔka kyerɛ nokware Nyankopɔn no sɛ, ‘Gyaa yɛn! Yɛmpɛ sɛ yehu w’akwan.+ 15 Hena ne ade nyinaa so Tumfo no a enti ɛsɛ sɛ yɛsom no?+ Na sɛ yehu no a, dɛn paa na yebenya?’+ Dwom 73:13, 14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Ampa, me komam a matew,Ne me nsa a mahohoro de akyerɛ sɛ me ho nni asɛm no nyinaa yɛ ɔkwa.+ 14 Mefaa ɔhaw mu daa nyinaa;+Minyaa animka anɔpa biara.+ Yesaia 58:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 ‘Adɛn nti na yɛyɛ akɔnkyen* na wunhu?+ Na adɛn nti na yedi* awerɛhow na ɛmfa wo ho yi?’+ Efisɛ ɛda a moyɛ akɔnkyen no, moyɛ nea mopɛ,*Na moteetee mo adwumayɛfo.+ Sefania 1:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Saa bere no, mɛtɔ me bo ase de nkanea ahwehwɛ Yerusalem kurow no mu.Na wɔn a wogye wɔn ho di* a wɔka wɔ wɔn komam sɛ,‘Yehowa renyɛ papa, na ɔrenyɛ bɔne’+ no, mɛtwe wɔn aso.
14 Nanso wɔka kyerɛ nokware Nyankopɔn no sɛ, ‘Gyaa yɛn! Yɛmpɛ sɛ yehu w’akwan.+ 15 Hena ne ade nyinaa so Tumfo no a enti ɛsɛ sɛ yɛsom no?+ Na sɛ yehu no a, dɛn paa na yebenya?’+
13 Ampa, me komam a matew,Ne me nsa a mahohoro de akyerɛ sɛ me ho nni asɛm no nyinaa yɛ ɔkwa.+ 14 Mefaa ɔhaw mu daa nyinaa;+Minyaa animka anɔpa biara.+
3 ‘Adɛn nti na yɛyɛ akɔnkyen* na wunhu?+ Na adɛn nti na yedi* awerɛhow na ɛmfa wo ho yi?’+ Efisɛ ɛda a moyɛ akɔnkyen no, moyɛ nea mopɛ,*Na moteetee mo adwumayɛfo.+
12 Saa bere no, mɛtɔ me bo ase de nkanea ahwehwɛ Yerusalem kurow no mu.Na wɔn a wogye wɔn ho di* a wɔka wɔ wɔn komam sɛ,‘Yehowa renyɛ papa, na ɔrenyɛ bɔne’+ no, mɛtwe wɔn aso.