-
Marko 8:34, 35Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
34 Ɛnna ɔfrɛɛ nnipakuw no ne n’asuafo no baa ne nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ nea ɔno ara pɛ bio. Mmom ɔmfa n’asɛndua* na onni m’akyi daa.+ 35 Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔkora ne nkwa* so no, ebefi ne nsa, na obiara a me ne asɛmpa no nti ɔbɛhwere ne nkwa* no, ne nsa bɛka.+
-