34 Ɛnna ɔfrɛɛ nnipakuw no ne n’asuafo no baa ne nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ nea ɔno ara pɛ bio. Mmom ɔmfa n’asɛndua* na onni m’akyi daa.+
23 Afei ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ nea ɔno ara pɛ bio.+ Mmom ɔmfa n’asɛndua* da biara da na onni m’akyi daa.+