-
Marko 4:3-9Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
3 “Muntie. Hwɛ! Ogufo bi kɔe sɛ ɔrekogu aba.+ 4 Bere a ɔregu aba no, ebi koguu kwankyɛn, na nnomaa bedii. 5 Ebi nso koguu baabi a abotan wɔ a dɔte pii nni, na esiane sɛ dɔte pii nni hɔ nti,+ ntɛm ara na efifii. 6 Nanso bere a owia puei no, ɛhyee no,* na esiane sɛ enni ntini nti, ewui. 7 Na aba no bi nso koguu nsɔe mu, na nsɔe no nyinii, na emiaa no, na ansow aba.+ 8 Na ebi nso koguu asaase pa mu, na efifii na enyinii, na efii ase sow aba, ebi mmɔho 30, ebi mmɔho 60, na ebi nso mmɔho 100.”+ 9 Ɛnna ɔka kaa ho sɛ: “Ma nea ɔwɔ aso a ɔde betie no ntie.”+
-
-
Luka 8:4-8Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
4 Afei nnipadɔm kɛse bi bɛkaa wɔn a wɔne no kokɔɔ nkurow nkurow so no ho, na ɔde mfatoho bi kasa kyerɛɛ wɔn sɛ:+ 5 “Ogufo bi kɔe sɛ ɔrekogu n’aba. Bere a ɔregu aba no, ebi koguu kwankyɛn maa nkurɔfo tiatiaa so, na ewim nnomaa bedii.+ 6 Ebi koguu ɔbotan so, na efifii, nanso esiane sɛ annya nsu nti, ewui.+ 7 Ebi koguu nsɔe mu, na nsɔe no ne no nyinii, na emiaa no.+ 8 Na ebi nso koguu asaase pa mu. Bere a efifii no, ɛsow aba mmɔho 100.”+ Bere a ɔkaa eyinom no, ɔmaa ne nne so kae sɛ: “Ma nea ɔwɔ aso a ɔde betie no ntie.”+
-