Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Mateo 13:3-9
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 Afei ɔde mfatoho kaa nsɛm pii kyerɛɛ wɔn+ sɛ: “Hwɛ! Ogufo bi kɔe sɛ ɔrekogu aba.+ 4 Bere a ɔregu aba no, ebi koguu kwankyɛn, na nnomaa bedii.+ 5 Ebi nso koguu baabi a abotan wɔ a dɔte pii nni, na esiane sɛ dɔte pii nni hɔ nti, ntɛm ara na efifii.+ 6 Nanso bere a owia puei no, ɛhyee no, na esiane sɛ enni ntini nti, ewui. 7 Ebi koguu nsɔe mu, na nsɔe no nyinii, na emiaa no.+ 8 Na ebi nso koguu asaase pa mu, na efii ase sow aba; ebi mmɔho 100, ebi mmɔho 60, na ebi nso mmɔho 30.+ 9 Ma nea ɔwɔ aso no ntie.”+

  • Marko 4:3-9
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 “Muntie. Hwɛ! Ogufo bi kɔe sɛ ɔrekogu aba.+ 4 Bere a ɔregu aba no, ebi koguu kwankyɛn, na nnomaa bedii. 5 Ebi nso koguu baabi a abotan wɔ a dɔte pii nni, na esiane sɛ dɔte pii nni hɔ nti,+ ntɛm ara na efifii. 6 Nanso bere a owia puei no, ɛhyee no,* na esiane sɛ enni ntini nti, ewui. 7 Na aba no bi nso koguu nsɔe mu, na nsɔe no nyinii, na emiaa no, na ansow aba.+ 8 Na ebi nso koguu asaase pa mu, na efifii na enyinii, na efii ase sow aba, ebi mmɔho 30, ebi mmɔho 60, na ebi nso mmɔho 100.”+ 9 Ɛnna ɔka kaa ho sɛ: “Ma nea ɔwɔ aso a ɔde betie no ntie.”+

  • Luka 8:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 Nea ekoguu kwankyɛn no ne wɔn a wɔte asɛm no, nanso Ɔbonsam ba beyi asɛm no fi wɔn koma mu, na wɔannye anni annya nkwa.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena