Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Marko 10:13-16
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 13 Afei nkurɔfo fii ase de mmofra nkumaa brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka wɔn,* nanso asuafo no kaa wɔn anim.+ 14 Bere a Yesu huu eyi no, anyɛ no dɛ koraa, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mmofra nkumaa no mmra me nkyɛn; na munnsiw wɔn kwan, efisɛ wɔn a wɔte saa na Onyankopɔn Ahenni no yɛ wɔn dea.+ 15 Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a onnye Onyankopɔn Ahenni te sɛ abofra kumaa no, ɔrenkɔ mu da.”+ 16 Na ɔyɛɛ mmofra no atuu, na ɔde ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn.+

  • Luka 18:15-17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 15 Afei nkurɔfo de wɔn mma nketewa brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka wɔn,* nanso bere a n’asuafo no hui no, wofii ase kaa wɔn anim.+ 16 Nanso, Yesu frɛɛ mmofra no baa ne nkyɛn, na ɔkae sɛ: “Momma mmofra nkumaa no mmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan, efisɛ wɔn a wɔte saa na Onyankopɔn Ahenni no yɛ wɔn dea.+ 17 Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a onnye Onyankopɔn Ahenni te sɛ abofra kumaa no, ɔrenkɔ mu da.”+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena