12 “Afei Israel, dɛn na Yehowa wo Nyankopɔn hwehwɛ fi wo hɔ?+ Ɛne sɛ wubesuro Yehowa wo Nyankopɔn+ na woanantew n’akwan nyinaa so+ na woadɔ no, na wode wo koma nyinaa ne wo kra* nyinaa asom Yehowa wo Nyankopɔn,+
5 Na monhwɛ nni ahyɛde ne Mmara a Yehowa akoa Mose de maa mo no so.+ Nea ɛbɛma moayɛ saa ne sɛ mobɛdɔ Yehowa mo Nyankopɔn,+ mobɛfa n’akwan nyinaa so,+ mubedi n’ahyɛde so,+ mode mo ho bɛbata ne ho,+ na mode mo koma nyinaa ne mo kra* nyinaa asom no.”+
27 Obuae sɛ: “‘Ɛsɛ sɛ wode wo koma nyinaa ne wo kra* nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa* wo Nyankopɔn,’+ na ‘wodɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’”+