Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Daniel 9:27
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 27 “Ɔbɛma apam no ayɛ adwuma ama nnipa pii nnawɔtwe baako, na edu nnawɔtwe no mfinimfini a, ɔbɛma afɔrebɔ ne akyɛde afɔre agyae.+

      “Nea ɔde ɔsɛe bɛba no, ɔde akyiwade ntaban na ebetu aba,+ na nea wɔahyɛ ato hɔ no, wobehwie agu nea asɛe no so akosi sɛ ɔsɛe pasaa no bɛba.”

  • Daniel 11:31
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 31 Na n’asraafo* bɛkeka wɔn ho, na wobegu tenabea kronkron no ho fĩ,+ kyerɛ sɛ, abannennen no, na wɔayi ade a wɔyɛ no daa no* afi hɔ.+

      “Na wɔde akyiwade a ɛbɔ ɔman no bɛba.+

  • Daniel 12:11
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 11 “Na efi bere a wobeyi ade a wɔyɛ no daa* no+ afi hɔ na wɔde akyiwade a ɛbɔ ɔman no asi hɔ no+ yɛ nnafua 1,290.

  • Marko 13:14-18
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 14 “Nanso sɛ muhu akyiwade a ɛbɔ ɔman+ no sɛ egyina baabi a ɛnsɛ sɛ egyina a (ma nea ɔkenkan no mfa nhumu nyɛ adwuma), momma wɔn a wɔwɔ Yudea mfi ase nguan nkɔ mmepɔw so.+ 15 Mma nea ɔwɔ ɔdan atifi no nnsi fam, na mma ɔnnkɔ ne fi nnkɔfa biribiara mmfi hɔ; 16 na mma nea ɔwɔ afuw mu no nnsan mmma nneɛma a wagyaw no wɔ akyi ho sɛ ɔrebɛfa n’ataade nguguso. 17 Saa nna no mu no, mmea a wɔanyinsɛn ne wɔn a wɔma nufu nnue!+ 18 Monkɔ so mmɔ mpae na ansi awɔw bere mu,

  • Luka 21:20
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 20 “Afei nso, sɛ muhu sɛ asraafodɔm atwa Yerusalem ho ahyia a,+ ɛnde munhu sɛ ne sɛe abɛn.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena