-
Luka 4:5-8Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
5 Enti Ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔw tenteenten bi so, na ɔkyerɛɛ no asaase so ahenni nyinaa prɛko.+ 6 Na Ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ: “Mede tumi yi nyinaa ne ɛho anuonyam bɛma wo, efisɛ wɔde ama me,+ na obiara a mepɛ no, mede ma no. 7 Enti sɛ wobɔ wo mu ase baako pɛ som me a, mede ne nyinaa bɛma wo.” 8 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ, ‘Yehowa* wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokotow no, na ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ wosom no.’”+
-