-
Mateo 4:8-10Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
8 Ɔbonsam san de no kɔɔ bepɔw tenteenten bi so, na ɔkyerɛɛ no wiase ahenni nyinaa ne emu anuonyam.+ 9 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wobɔ wo mu ase baako pɛ som me a, mede eyinom nyinaa bɛma wo.” 10 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Fi me so kɔ, Satan! Wɔakyerɛw sɛ: ‘Yehowa* wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokotow no,+ na ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ wosom no.’”+
-