Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Mateo 26:69-75
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 69 Ná Petro te adiwo hɔ, ɛnna abaawa* bi baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: “Wo nso, na woka Galileani+ Yesu ho!” 70 Nanso wannye antom, na ɔkae wɔ wɔn nyinaa anim sɛ: “Minnim nea woreka no ho hwee.” 71 Bere a opue kɔɔ ofi no kwan ano* no, abeawa bi nso huu no, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no sɛ: “Ná saa ɔbarima yi ka Nasaretni Yesu ho.”+ 72 Eyi nso wannye antom, na ɔkaa ntam sɛ: “Minnim onipa no!” 73 Ɛyɛɛ kakra no, wɔn a wogyinagyina hɔ no bɛka kyerɛɛ Petro sɛ: “Ampa, woka wɔn ho. Nokwasɛm ne sɛ, wo kasa koraa kyerɛ saa.” 74 Ɛnna ofii ase dii nsew kaa ntam sɛ: “Minnim onipa no!” Na ɛhɔ ara na akokɔ bɔnee. 75 Na Petro kaee asɛm a Yesu kae sɛ: “Ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woaka no mprɛnsa sɛ wunnim me.”*+ Na opue kosui pii.

  • Luka 22:55-62
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 55 Na wɔsɔɔ ogya tenatenaa ho wɔ adiwo no mfinimfini, na na Petro te wɔn mu bi.+ 56 Ɛnna abaawa bi huu no sɛ ɔte ogya no ho,* na ɔhwɛɛ no dinn kae sɛ: “Ná ɔbarima yi nso ka ne ho.” 57 Nanso wannye antom, na ɔkae sɛ: “Ɔbea, minnim no.” 58 Na bere tiaa bi akyi no, obi foforo huu no kae sɛ: “Wo nso woka wɔn ho.” Na Petro kae sɛ: “Ɔbarima, menka wɔn ho.”+ 59 Na ɛno akyi bɛyɛ dɔnhwerew baako no, ɔbarima foforo nso fii ase kaa no denneennen sɛ: “Ampa, na saa ɔbarima yi nso ka ne ho; nokwasɛm ne sɛ, ɔyɛ Galileani!” 60 Nanso Petro kae sɛ: “Ɔbarima, minnim nea woreka no.” Na ɛhɔ ara, bere a ogu so rekasa no, akokɔ bɔnee. 61 Ɛnna Awurade dan ne ho, na ɔhwɛɛ Petro anim, na Petro kaee asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no sɛ: “Ansa na akokɔ bɛbɔn nnɛ no, na woaka no mprɛnsa sɛ wunnim me.”*+ 62 Na opue kosui pii.

  • Yohane 18:25, 26
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 25 Saa bere no, na Simon Petro gyina hɔ reto gya. Ɛnna wobisaa no sɛ: “Wo nso, sɛ́ woka n’asuafo no ho? Anaa?” Wannye antom, na ɔkae sɛ: “Daabi, menka ho.”+ 26 Ɛnna ɔsɔfo panyin no akoa baako, nea Petro twaa n’aso no busuani,+ kae sɛ: “Mihui sɛ woka ne ho wɔ turom hɔ, meboa?”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena