Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Mateo 26:69-75
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 69 Ná Petro te adiwo hɔ, ɛnna abaawa* bi baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: “Wo nso, na woka Galileani+ Yesu ho!” 70 Nanso wannye antom, na ɔkae wɔ wɔn nyinaa anim sɛ: “Minnim nea woreka no ho hwee.” 71 Bere a opue kɔɔ ofi no kwan ano* no, abeawa bi nso huu no, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no sɛ: “Ná saa ɔbarima yi ka Nasaretni Yesu ho.”+ 72 Eyi nso wannye antom, na ɔkaa ntam sɛ: “Minnim onipa no!” 73 Ɛyɛɛ kakra no, wɔn a wogyinagyina hɔ no bɛka kyerɛɛ Petro sɛ: “Ampa, woka wɔn ho. Nokwasɛm ne sɛ, wo kasa koraa kyerɛ saa.” 74 Ɛnna ofii ase dii nsew kaa ntam sɛ: “Minnim onipa no!” Na ɛhɔ ara na akokɔ bɔnee. 75 Na Petro kaee asɛm a Yesu kae sɛ: “Ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woaka no mprɛnsa sɛ wunnim me.”*+ Na opue kosui pii.

  • Marko 14:66-72
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 66 Bere a Petro wɔ ase hɔ wɔ adiwo hɔ no, ɔsɔfo panyin no mmaawa no mu baako bae.+ 67 Na bere a ohui sɛ Petro reto gya no, ɔhwɛɛ no hãã, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo nso, na woka saa Nasaretni Yesu yi ho.” 68 Nanso wannye antom, na ɔkae sɛ: “Minnim no, na nea woreka yi nso, mente ase.” Ɛnna Petro pue kɔɔ ofi no kwan ano.* 69 Ɛhɔ nso, abaawa no huu no, na ofii ase ka kyerɛɛ wɔn a wogyinagyina hɔ no bio sɛ: “Oyi ka wɔn ho.” 70 Saa bere yi nso, wannye antom. Na ɛyɛɛ kakra no, wɔn a wogyinagyina hɔ no fii ase ka kyerɛɛ Petro bio sɛ: “Ampa woka wɔn ho. Nokwasɛm ne sɛ, woyɛ Galileani.” 71 Na ofii ase dii nsew kaa ntam sɛ: “Minnim onipa yi a moreka ne ho asɛm no!” 72 Na ɛhɔ ara na akokɔ bɔnee ne mprenu so;+ na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no sɛ: “Ansa na akokɔ bɛbɔn mprenu no, na woaka no mprɛnsa sɛ wunnim me.”*+ Ne werɛ howee, na ofii ase sui.

  • Yohane 18:18
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 18 Saa bere no, na awɔw wom. Ɛno nti, na nkoa ne awɛmfo no de gyabiriw asɔ ogya gyinagyina ho reto. Ná Petro nso gyina wɔn nkyɛn reto ogya no bi.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena