Mateo 10:9, 10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Mommpɛ sika kɔkɔɔ anaa dwetɛ anaa kɔbere nngu mo abɔso* mu,+ 10 na mommfa aduan kotoku nntu kwan no, anaa ntaade abien, anaa mpaboa anaa poma,+ efisɛ odwumayɛni aduan fata no.+ 1 Korintofo 9:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Sɛ yɛadua honhom fam nneɛma wɔ mo mu, na sɛ yetwa honam fam nneɛma fi mo hɔ a, ɛboro so anaa?+ 1 Korintofo 9:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Saa ara nso na Awurade ahyɛ sɛ, wɔn a wɔka asɛmpa no mfa asɛmpa no so ntena ase.+ 1 Timoteo 5:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Na kyerɛwsɛm no ka sɛ, “Sɛ nantwi reporow hwiit* a, ɛnsɛ sɛ wokyekyere n’ano,”+ na ɛsan ka sɛ, “Odwumayɛni akatua sɛ no.”+
9 Mommpɛ sika kɔkɔɔ anaa dwetɛ anaa kɔbere nngu mo abɔso* mu,+ 10 na mommfa aduan kotoku nntu kwan no, anaa ntaade abien, anaa mpaboa anaa poma,+ efisɛ odwumayɛni aduan fata no.+
18 Na kyerɛwsɛm no ka sɛ, “Sɛ nantwi reporow hwiit* a, ɛnsɛ sɛ wokyekyere n’ano,”+ na ɛsan ka sɛ, “Odwumayɛni akatua sɛ no.”+