-
Luka 24:25-27Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
25 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “O mo a munni ntease, mo a ɛyɛ den ma mo sɛ mode mo koma begye* nea adiyifo no kae nyinaa adi! 26 Ná ehia sɛ Kristo no hu saa amane yi nyinaa+ na ɔkɔ n’anuonyam mu.+ Ɛnte saa?” 27 Na ne ho nsɛm a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu no nyinaa, ɔkyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn; ɔhyɛɛ ase fii nea Mose ne Adiyifo no nyinaa+ kyerɛwee so.
-