Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 1 Timoteo 3:1-7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 Asɛm yi yɛ nokware: Sɛ ɔbarima bi rebɔ ne ho mmɔden sɛ ɔbɛba abɛyɛ ɔhwɛfo+ a, na ɔrepɛ adwuma pa. 2 Enti ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo yɛ obi a ne ho nni asɛm, ɛsɛ sɛ ɔyɛ okunu a ɔwɔ yere baako, ɔnyɛ nneɛma ntra so,* n’adwene mu da hɔ,*+ ɔyɛ n’ade pɛpɛɛpɛ, ɔpɛ ahɔhoyɛ,+ otumi kyerɛkyerɛ,+ 3 ɔnyɛ ɔkɔwensani,+ ɔmpɛ ntɔkwaw,* na mmom ɔte asɛm ase,+ ɔnyɛ obi a ɔne nkurɔfo ham,+ ɔnyɛ sikanibere,+ 4 ɔyɛ ɔbarima a odi* n’ankasa fifo so yiye, ne mma ani da fam paa, na wɔbrɛ wɔn ho ase ma no+ 5 (na sɛ obi nnim sɛnea obedi* n’ankasa fifo so a, ɔbɛyɛ dɛn atumi ahwɛ Onyankopɔn asafo so?), 6 ɛnsɛ sɛ ɔyɛ obi a waba gyidi no mu foforo,*+ efisɛ anhwɛ a ɔbɛyɛ ahomaso na wahwe atemmu a wɔde ama Ɔbonsam no mu. 7 Bio nso, ɛsɛ sɛ wɔn a wonni asafo no mu di ne ho adanse pa,*+ sɛnea ɛbɛyɛ a n’anim rengu ase na ɔntɔ Ɔbonsam afiri mu.

  • Tito 1:5-9
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 5 Migyaw wo wɔ Kreta sɛnea ɛbɛyɛ a wubesiesie nneɛma a ɛnkɔ yiye no, na woapaw mpanyimfo wɔ kurow biara mu sɛnea meka kyerɛɛ wo sɛ yɛ no: 6 Sɛ obi bɛfata sɛ ɔpanyin a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbarima a asɛm biara nni ne ho, okunu a ne yere yɛ baako, na ne mma yɛ gyidifo a obiara mmɔ wɔn sobo sɛ wɔbɔ ahohwibra* anaa wɔtew atua.+ 7 Esiane sɛ ɔhwɛfo yɛ Onyankopɔn fiehwɛfo nti, ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a asɛm biara nni ne ho, obi a onni ne koko so asɛm,+ ne bo mfuw ntɛm,+ ɔnyɛ ɔkɔwensani, ɔmpɛ ntɔkwaw,* ɔnyɛ adifudepɛ nhwehwɛ mfaso bɔne; 8 mmom ɔpɛ ahɔhoyɛ,+ ɔpɛ papayɛ, n’adwenem da hɔ,*+ ɔteɛ, ɔyɛ ɔnokwafo,+ otumi hyɛ ne ho so,*+ 9 sɛ ɔrekyerɛkyerɛ a, ɔde ne nkyerɛkyerɛ* gyina nokwasɛm no so pintinn,+ sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi de nkyerɛkyerɛ pa*+ no ahyɛ nkuran,* na wɔn a wɔkasa tia nkyerɛkyerɛ pa* no nso, watumi de akasa akyerɛ wɔn.+

  • Hebrifo 13:17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 Monyɛ osetie mma wɔn a wodi mo anim no+ na mommrɛ mo ho ase mma wɔn,+ efisɛ wɔn na wɔhwɛ mo* so sɛ nnipa a wobebu ho akontaa;+ ɛno bɛma wɔde anigye ayɛ eyi, na ɛnyɛ ahomegu,* anyɛ saa a ɛrensi mo yiye.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena