31 Ɛdefa owusɔre ho no, monkenkan nea Onyankopɔn ka kyerɛɛ mo no? Ɔkae sɛ: 32 ‘Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.’+ Ɔnyɛ awufo Nyankopɔn, na mmom ateasefo de.”+
13 Mmom sɛ wotow pon a, to nsa frɛ ahiafo, mmubuafo, mpakye, ne anifuraefo;+14 na w’ani begye, efisɛ wɔn de, wonni biribiara a wɔde betua wo ka. Na wubenya akatua wɔ atreneefo wusɔre+ no mu.”
28 Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ bere no reba a wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte ne nne,+29 na wɔapue. Wɔn a wɔyɛɛ papa no bɛkɔ nkwa wusɔre mu, na wɔn a wɔyɛɛ akyiwade no akɔ atemmu wusɔre mu.+
35 Wɔnam owusɔre so maa mmea nsa kaa wɔn awufo.+ Nanso ebinom de, wɔyɛɛ wɔn ayayade efisɛ wɔampene amma wɔamfa agyede bi so annye wɔn, sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya owusɔre a ɛkyɛn saa.
12 Na mihuu awufo, akɛse ne nketewa, sɛ wogyinagyina ahengua no anim, na wobuebuee nhoma mmobɔwee mu. Na wobuee nhoma mmobɔwee foforo mu; ɛno ne nkwa nhoma mmobɔwee+ no. Na wɔde nsɛm a wɔakyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee ahorow no mu no buu awufo no atɛn sɛnea wɔn nnwuma te.+