13 Ɛnyɛ dɛn ara a, moate me kan abrabɔ a na mewom wɔ Yudasom mu no;+ ɛne sɛ, mituu m’ani sii Onyankopɔn asafo no so denneennen, na midii wɔn bɔne kɛse.+ 14 M’atipɛnfo a wɔwɔ me man mu no, mekɔɔ m’anim wɔ Yudasom mu sen wɔn mu pii, na mebɔɔ m’agyanom amammerɛ ho mmɔden kyɛn so koraa.+