-
Filipifo 3:4-6Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
4 Na sɛ yɛreka obi a ɔwɔ biribi a ɔde bɛhoahoa ne ho* ɔhonam mu a, anka ɛyɛ me.
Sɛ onipa foforo biara te nka sɛ ɔwɔ biribi a ɔde bɛhoahoa ne ho ɔhonam mu a, mewɔ nea ɛkyɛn saa. 5 Wotwaa me twetia da a ɛto so awotwe,+ meyɛ Israelni a mifi Benyamin abusuakuw mu, meyɛ Hebrini a Hebrifo na wɔwoo me;+ ɛba mmara so di a, meyɛ Farisini;+ 6 yɛreka mmɔdenbɔ* a, meyeree me ho tan asafo no ani;+ yɛreka trenee a egyina mmara so a, na meyɛ obi a asɛm biara nni me ho.
-