6 Bere a Paul hui sɛ nnipa no fã yɛ Sadukifo, ɛnna fã nso yɛ Farisifo no, ɔteɛɛm wɔ Sanhedrin bagua no mu sɛ: “Mmarima, anuanom, meyɛ Farisini,+ Farisifo ba. Owusɔre a awufo benya no, ɛho anidaso nti na wɔrebu me atɛn yi.”
4 “Nokwasɛm ne sɛ, sɛnea mebɔɔ me bra wɔ me man* mu ne Yerusalem fii me mmofraase no, Yudafo a+5 wonim me dedaw no nyinaa nim no yiye. Na sɛ wɔpɛ a, wobetumi adi adanse sɛ mebɔɔ me bra sɛ Farisini+ a odi yɛn som mu amanne so pɛpɛɛpɛ.+