37 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “‘Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.’+ 38 Eyi ne ahyɛde a ɛho hia paa, ne nea edi kan. 39 Nea ɛto so abien a ɛte sɛ ɛno ne sɛ: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’+ 40 Mmara no nyinaa ne Adiyifo no gyina ahyɛde abien yi so.”+