-
2 Korintofo 11:23-27Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
23 Wɔyɛ Kristo asomfo anaa? Miyi ano te sɛ ɔbɔdamfo. Meyɛ Kristo somfo kyɛn so: Mayɛ adwumaden pii sen wɔn,+ mada afiase mpɛn pii sen wɔn,+ wɔahwe me mpɛn pii, na me ne owu abɔ mpunimpu mpɛn pii.+ 24 Mpɛn anum na Yudafo bɔɔ me mmaa. Emu biara, ɛkaa baako maa anka wɔbɔɔ me 40,+ 25 wɔde mmaa aboro me*+ mprɛnsa, wɔasiw me abo+ pɛnkoro, matena po so hyɛn mu ama abɔ+ mprɛnsa, madi ɛpo mfinimfini anadwo ne awia; 26 akwantu pii mu, nsubɔnten so asiane mu, akorɔmfo-werɛmfo mu asiane mu, me ara me manfo mu asiane mu,+ amanaman mu asiane mu,+ kurow mu asiane mu,+ wuram asiane mu, ɛpo so asiane mu, anuanom atorofo mu asiane mu, 27 adwuma ne ɔbrɛ mu. Mpɛn pii, meda a menna,+ ɔkɔm ne sukɔm dee me,+ mannya aduan anni mpɛn pii,+ awɔw dee me, na mannya ataade anhyɛ.*
-